Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Piamfohene no de din foforo totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak na ɔtoo Asaria Abednego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Apiafoɔhene no de din foforɔ totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak ɛnna ɔtoo Asaria Abednego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:7
13 Iomraidhean Croise  

Na Farao frɛɛ Yosef sɛ Safnat-panea. Na ɔde On sɔfo Potifera babea Asnat maa no aware. Na Yosef fii adi kokyinii Misraim asase so.


Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene sii n’agya Yosia ananmu, na ɔsakraa ne din too no Yehoiakim; na Yoahas de, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na okowui wɔ hɔ.


Na Babel hene hyɛɛ n’agya ne nua Matania hene sii n’ananmu, na ɔsakraa ne din too no Sedekia.


Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.


Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafohene Aspenas, sɛ ɔmfa Israelfo mu, ahene asefo ne mmapɔmma no mu


Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu.


Ɔhene bua ka kyerɛɛ Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: So wubetumi akyerɛ me ɔdae a mesoe no ne ne nkyerɛase?


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abednego sisii Babel asase so hwɛfo; na Daniel de, ɔtenaa ɔhene aban mu.


na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.


Na akyiri no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din te no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ no:


na wohuu honhom a ɛkyɛn so ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ ɔdae ase kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ san apɔw wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan