Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:5
14 Iomraidhean Croise  

Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so.


Nhyira ne wo nnipa, nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no.


na ɔhene ma wɔmaa no nneɛma bi daa, na ɛkɔɔ so ara ne nkwa nna nyinaa.


Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no.


Mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn, na ɛyɛ nnaadaa aduan.


Enti sɛ AWURADE se ni: Sɛ wosan a, mede wo mɛsan maba; na woabegyina m’anim; na sɛ wuyi aboɔdenne fi ahuhude mu a, wobɛyɛ sɛ m’ano; wɔn de, wɔbɛdan aba wo nkyɛn, na wo de, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.


Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ,


Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.


Ma yɛn yɛn daa aduan daa!


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.


Na Saul soma kɔɔ Yese nkyɛn kɔkae sɛ: Ma Dawid nsom me, na wanya m’anim anuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan