Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:4
23 Iomraidhean Croise  

Na Yosef kopuee Misraim hene Farao anim no, na wadi mfirihyia aduasa. Na Yosef fii Farao anim hɔ kokyinii Misraim asase nyinaa so.


Nso Israel nyinaa mu obiara nni hɔ a wɔkamfo n’ahoɔfɛ sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi ne mpampam dɛm biara nni ne ho.


Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim.


Nyansa hyɛ onyansafo den sen atamfo du a wɔwɔ kurow mu.


Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa mu, na yɛn de, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn mma nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no nnte.


Hwɛ, mede ɔman bi mifi akyirikyiri mereba mo so, Israel fi, AWURADE asɛm ni; ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wofi teteete, ɔman a wunnim wɔn kasa, na wonte nea wɔka no ase.


Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.


Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.


Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Akas-weros ba Dario a n’ase fi Media a odii Kaldeafo ahemman so hene no afe a edi kan mu,


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika ka kyerɛ aberante yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a enni afasu, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodow nti;


Ɛbere no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no asram abiɛsa n’agya ofi.


Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.


na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.


Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mukunkum wɔn Tabor no te dɛn? Na wose: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan