Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛtow hyɛɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:1
14 Iomraidhean Croise  

Yehoiakim bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda, Pedaia a ofi Ruma babea.


Na ɔkɔfaa AWURADE fi akorade nyinaa ne ahemfi akorade fii hɔ kɔe, na otwitwaa sika nneɛma a Israel hene Solomon yɛe AWURADE aban mu no ho sika, sɛnea AWURADE kae no.


Na wo ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu mpiadifo.


Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a edi kan no mu


Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba bere so ni:


Na Babel hene Nebukadnesar tu baa asase yi so no, yɛkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfi Kaldeafo dɔm ne Siriafo dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.


Na ɛbae sɛ Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no, asɛm yi fii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:


Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no se:


Asɛm a AWURADE nam odiyifo Yeremia so ka tiaa Babel ne Kaldeafo asase no ni:


Na ɔsram a ɛto so anum, da a ɛto so du a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a ɛto so dunkron no mu na ankɔbeahene Nebusaradan a ogyina Babel hene anim no baa Yerusalem,


Eyi ne ɔman a Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no: Afe a ɛto so ason no mu no, Yudafo mpensa aduonu abiɛsa;


Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wone Daniel a wufi Yuda atukɔfo a m’agya ɔhene de wɔn fii Yuda bae no mu no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan