Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Monka ngu Sekemfo nyinaa asom sɛ: Nea ɛwɔ he na eye ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no nyinaa bedi mo so anaa obiako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Mummisa ɔmanfo a wɔwɔ Sekem no se, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmabarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogya!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Mommisa ɔmanfoɔ a wɔwɔ Sekem no sɛ, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmammarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogyani!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Monka ngu Sekemfo nyinaa asom sɛ: Nea ɛwɔ he na eye ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no nyinaa bedi mo so anaa obiako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 9:2
8 Iomraidhean Croise  

Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ ɔsram.


Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!


Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ, w’abusuafo ne yɛn.


Efisɛ yɛyɛ ne nipadua ho akwaa.


Enti sɛ mma no anya ɔhonam ne mogya koro no bi no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owu so betu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no,


Na Gideon wɔ mmammarima aduɔsɔn a wofi n’asen mu, efisɛ ɔwɔ yerenom pii.


na mo de, moasɔre ahyɛ m’agya fi nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔsɔn ɔbo biako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfo so hene, sɛ mo nua ne no nti,


Na ɔbaa n’agya fi Ofra bekunkum ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔsɔn no, ɔbo biako so: Nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, efisɛ ohintawee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan