Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 8:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfo no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wodi m’akyi yi abodoo sebɔw bi ɛ, na wɔabrɛ, na me nso meretiw Midian ahene Seba ne Salmuna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Woduu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofo a wɔwɔ hɔ no se, “Momma mʼakofo no aduan nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfo no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wodi m’akyi yi abodoo sebɔw bi ɛ, na wɔabrɛ, na me nso meretiw Midian ahene Seba ne Salmuna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 8:5
11 Iomraidhean Croise  

Na Salem hene Melkisedek de abodoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo.


Na Yakob siim kɔɔ Sukot, na osii dan wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa; enti wɔfrɛ hɔ Sukot, ase ne: Asese.


Onyankopɔn akasa n’ahotew mu: Medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon.


efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti.


AWURADE bɔfo kae sɛ: Monnome Meros, nnome na monnome emutefo no, sɛ wɔammedi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔm kɛse no.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.


Na Seba ne Salmuna guanee, na otiw wɔn kɔkyeree Midian ahene baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.


Na ɔbaa Sukotfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: So Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dedaw na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no abodoo no ni?


Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa abodoo ahanu, ne nsa ntumpan abien ma, ne nguan anum a wɔasiesie wɔn, ne nkyeweɛ susuwade anum, ne asikresam aba nkotoku ɔha, ne brodoma aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahanu de soaa mfurum,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan