Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de? So Efraim mpɛpɛwadi nye nsen Abieser bobetew nyinaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na Gideon buaa wɔn se, “Dɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twabere akyi no nye nsen Abieser bobe a wɔtewee nyinaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na Gideon buaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de? So Efraim mpɛpɛwadi nye nsen Abieser bobetew nyinaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 8:2
11 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie wo nhanoa de twa, na nni w'afumde no mu mpɛpɛw;


Gilead mma ni: Yeser, Yeserfo abusua; Helek de, Helekfo abusua;


Na AWURADE bɔfo bae bɛtenaa odupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas de no ase; na ne ba Gideon reporow awi nsa-kyi-amoa mu, sɛ ɔde rehintaw Midianfo.


Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn torobɛnto, na Abi-eserfo hyia bedii n’akyi.


Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee dennen pa ara.


Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na dɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuw.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan