Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde ɔman no sian kɔɔ asu no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkrɛma bɛtaforo nsu no bi sɛnea ɔkraman taforo no, fa no nko gyina; na obiara a ɔkotow ne nankoroma anim nom no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Gideon de nʼakofo no kɔɔ asu no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kyɛ nnipa no mu akuw abien. Fa nnipa a wɔbɔ nsu gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma taforo no sɛ akraman no kɔ kuw baako mu. Kuw a ɛto so abien no nso, fa wɔn a wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde ɔman no sian kɔɔ asu no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkrɛma bɛtaforo nsu no bi sɛnea ɔkraman taforo no, fa no nko gyina; na obiara a ɔkotow ne nankoroma anim nom no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:5
4 Iomraidhean Croise  

Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛ woaka no, nanso kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi ma me kan, na fa brɛ me, na ɛno akyi no yɛ wo ne wo ba de.


Ɔbɛnom ɔkwan ho asuten mu nsu, enti na ɔbɛma ne ti so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman no da so dɔɔso; fa wɔn sian kɔ asu no ho, na minyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ; nea mese wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkɔ; na obiara a mese wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.


Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano taforoe no ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkae nyinaa kotow wɔn nankoroma anim nom nsu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan