Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman no da so dɔɔso; fa wɔn sian kɔ asu no ho, na minyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ; nea mese wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkɔ; na obiara a mese wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Nnipa no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asu no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Nnipa no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman no da so dɔɔso; fa wɔn sian kɔ asu no ho, na minyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ; nea mese wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkɔ; na obiara a mese wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:4
10 Iomraidhean Croise  

Na nsɛm yi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ose: Mini.


Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.


Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho.


Na wo Nyankopɔn, na woakari yɛn ahwɛ, woanan yɛn ahwɛ sɛ wɔnan dwetɛ hwɛ mu.


Ao, ma ɔbɔnefo bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone trenee Nyankopɔn a wosɔ koma ne adwene hwɛ.


Na ɔde ɔman no sian kɔɔ asu no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkrɛma bɛtaforo nsu no bi sɛnea ɔkraman taforo no, fa no nko gyina; na obiara a ɔkotow ne nankoroma anim nom no nso, yɛ no saa ara.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan