Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na wogyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsra no ho hyiae. Na nsra no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteɛteɛɛm na woguanguanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenae no ho, hwɛɛ Midianfo no sɛ wɔabɔ huboa reteɛteɛ mu na wɔreguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wogyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsra no ho hyiae. Na nsra no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteɛteɛɛm na woguanguanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:21
12 Iomraidhean Croise  

Na wokunkum wɔn mmiako mmiako, na Siriafo no guanguanee, na Israel tiw wɔn, na Siria hene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefo fi guanee.


na ɔkae sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfo ne ɔhene Yehosafat, muntie! Sɛ AWURADE se mo ni: Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.


Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na AWURADE bedi mo akyi.


na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru. Na Misraimfo no se: Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Na sɛ AWURADE, Israel kronkronni no se ni: Sanba ne brɛooyɛ mu na wobegye mo nkwa, kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene;


Efisɛ Misraim boa yɛ adehuhuw ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab a ase ne: Hooyɛfo, a wɔte hɔ dinn.


dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui.


Na akuw abiɛsa no hyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wokurakura agyatɛn no wɔn nsa benkum mu, ne ntorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteɛɛm sɛ: AWURADE ne Gideon nkrante!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan