Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman a wɔka wo ho no dɔɔso sen sɛnea mede Midian mɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ampɔw me so anka sɛ: M’ankasa me nsa na agye me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɛdɔm a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Akofo a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfo a, Israelfo no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wogyee wɔn ho sii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɛdɔm a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɔman a wɔka wo ho no dɔɔso sen sɛnea mede Midian mɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ampɔw me so anka sɛ: M’ankasa me nsa na agye me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:2
25 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ose: Mini.


Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.


Efisɛ ose: Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ, efisɛ mewɔ nhumu; ne ntease na matwiw aman no ahye, na mafow wɔn akorade, na masunsum wɔn a wɔtete agua so magu, sɛ ɔbran.


Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na nnipa ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Sɛ AWURADE se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho,


W’ahoɔfɛ nti wo koma ahoman, woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn, matow wo makyene fam, mede wo mato ahene anim sɛ wɔnhwɛ wo.


Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete, ɛpo mfinimfini, nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame, na woyɛ wo koma sɛ onyame koma nti,


na ɔhene no kae sɛ: So, ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?


Saa nti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma ne kyerɛnkyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan dɔɔso.


Na Awurade begye Yuda ntamadan kan, na Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam amma wɔn ho so anhyɛ Yuda.


Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.


Israel mmusuakuw nyinaa mu, momma abusuakuw biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.


nhoahoa wo ho nnubaa no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso ntini no, na ntini no na ɛso wo.


Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so.


Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.


emfi nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho.


sɛ ɛnyɛ ɔtamfo ahiiyi na misuro a, na wɔn ahohiafo annan me nsusuwii ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ eyi nyinaa.


na woanka wo koma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyade yi,


na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no atim sɛ ɛte nnɛ yi.


Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan