Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuw abiɛsa, na ɔde ntorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa, ne nkuruwa hunu, ne agyatɛn a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔkyɛɛ mmarima ahaasa no mu akuwakuw abiɛsa. Ɔde ntorobɛnto ne dɔte kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuw abiɛsa, na ɔde ntorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa, ne nkuruwa hunu, ne agyatɛn a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:16
6 Iomraidhean Croise  

Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn koduu Hoba a ɛda Damasko benkum so no.


Na Dawid gyaa dɔm no kwan de abupɛn abiɛsa mu biako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde abupɛn abiɛsa mu biako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab ne nua nsa, na ɔde abupɛn biako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ dɔm no sɛ: Ofi na me nso me ne mo refi akɔ.


Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.


Na Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree, na ɔsan baa Israel nsra mu, na ɔkae sɛ: Monsɔre, efisɛ AWURADE de Midian nsra no ahyɛ mo nsa.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛ meyɛ: Na hwɛ, sɛ midu nsra no ano a, sɛnea mɛyɛ no, saa ara na monyɛ.


Na ade kyee no, Saul buu ɔman no mu asafokuw abiɛsa na wɔkɔɔ nsra no mu anɔpa dasu mu, na wokunkum Amonfo koduu awia ketee; na wɔn a ɛkae no bɔ petee a anka wɔn mu baanu po wɔ faako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan