Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na Gideon dui no, na hwɛ, obi reka ɔdae bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso dae bi, na hwɛ, atoko abodoo sebɔw bi repirew aba Midian nsra mu, na eduu ntamadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ebutuw no koraa ma ntamadan no guguu hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Gideon weawea koduu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne dae a ɔsoo akyerɛ nʼadamfo bi se, “Mesoo dae na brodo kurukuruwa bi atew abɛhwe Midianfo atenae. Ɛkɔpem ntamadan no bi na ebu faa so ma ɛkɔhwee ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Gideon dui no, na hwɛ, obi reka ɔdae bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso dae bi, na hwɛ, atoko abodoo sebɔw bi repirew aba Midian nsra mu, na eduu ntamadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ebutuw no koraa ma ntamadan no guguu hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:13
10 Iomraidhean Croise  

na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu.


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfo de ayɛyɛde nam no so kɔmaa Moab hene Eglon.


Na Ehud wu akyi no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kum Filistifo mu nnipa ahansia; na ɔno nso, gyee Israel.


Ɛnna Heber yere Yael faa ntamadan no bofunnua, na ɔfaa asae kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛoo, na ɔde bofunnua no kɔbɔɔ n’asontɔre mu kitaa fam, efisɛ, ɔbrɛ nti, wada hatee, na owui.


Na ose: Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ, nanso ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, Awurade, dɛn na mede megye Israel? Hwɛ, m’asafo agurow Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fi.


Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.


Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Eyi nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrante; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsra no nyinaa ahyɛ.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan