Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Saa bere no na Midianfo, Amalekfo ne nnipa no nkae a wofifi apuei fam no abɛfɔre so te sɛ mmoadabi wɔ obon no mu. Na wɔn yoma nso dodow te sɛ mpoano nwea. Wɔdɔɔso dodo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:12
16 Iomraidhean Croise  

Na wɔkenkan Israelfo nso, na wosiesiee wɔn ho, na wɔkɔe kohyiaa wɔn. Na Israelfo bɔɔ wɔn ntentenso nsra sɛ mmirekyi akuw nketewa abien. Na Siriafo de, wɔyɛɛ asase no ma.


Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


AWURADE, hwɛ sɛnea m’ahohiahiafo si dɔɔso fa! Wɔn a wɔsɔre hyɛ me no yɛ pii.


Ɔhene biara mfa dɔm dodow nni nkonim, ɔkofo mfa n’ahoɔden kɛse nnye ne ho.


Wobebu ne kwae, AWURADE asɛm ni, na wonnya mu ahwehwɛye, na wɔdɔɔso sen mmoadabi, na wɔn dodow nni ano.


Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.


Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,


Na Midian ne Amalek ne Apueifamfo n nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu.


Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntamadan ba, na wɔba sɛ mmoadabi pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.


Na Gideon dui no, na hwɛ, obi reka ɔdae bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso dae bi, na hwɛ, atoko abodoo sebɔw bi repirew aba Midian nsra mu, na eduu ntamadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ebutuw no koraa ma ntamadan no guguu hɔ.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.


Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.


Na Dawid kunkum wɔn fi ahemadakye kosii da a edi so no anwummere; na wɔn mu biara amfi mu gye mmerante ahanan a wɔtenatenaa yoma so guanee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan