Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:3
25 Iomraidhean Croise  

Na mmea a aka no mma a Abraham wɔ no de, bere a Abraham te ase no, ɔkyɛɛ wɔn ade, na ogyaa wɔn kwan fii ne ba Isak ho ma wɔkɔɔ apuei wɔ apuei asase no so.


Na Yakob siim kɔɔ apuei fam mma no asase so.


Na wɔkenkan Israelfo nso, na wosiesiee wɔn ho, na wɔkɔe kohyiaa wɔn. Na Israelfo bɔɔ wɔn ntentenso nsra sɛ mmirekyi akuw nketewa abien. Na Siriafo de, wɔyɛɛ asase no ma.


Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


Ɛnna Hiram maa Solomon nkyeneduru ne ɔpopaw nnua sɛnea ɔpɛ nyinaa.


Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.


ɛnne wɔmma minnua na obi nni, na wontutu me nnɔbae ngu.


Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.


Na wobetu akosi Filistifo mmati so atɔe fam, wɔbɛbom afow apueifo; Edom ne Moab bɛka wɔn nsa, na Amon mma atie wɔn.


AWURADE aka ne nsa nifa, ne ne tumi basa no ho ntam sɛ: Meremfa w’awi memma w’atamfo nni bio, na ananafo mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no.


Kedar ne Hasor ahenni a Babel hene Nebukadnesar sɛee no de ni: Sɛ AWURADE se ni: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueifo.


Na ka kyerɛ Amonfo no sɛ: Muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ moka sɛ: Wiɛɛ! Sɛ me kronkronbea ho ahura, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda ofi ho nso, sɛ wɔkɔ tukɔ mu nti,


hwɛ mereyi wo mama apueifo sɛ wɔmfa wo nni, na wɔmmobɔ wɔn nsra wo mu, na wonsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wobedi w’aba, na wɔn ara anom wo nufusu;


me nso nea mɛyɛ mo ni: Mɛma akomatude abɛto mo, samanwaw ne atiridii a ɛbɛma mo aniwa ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mubedua mo adua kwa, na mo atamfo abedi.


wo de, wubegu na worentwa; wubekyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobekyi nsamono, na worennom nsa no.


Na wobedi wo mmoa mma ne w’asase so aba akosi sɛ wɔbɛsɛe wo, na wɔrennyaw wo aburow, nsa anaa ngo, w’anantwi mma anaa wo nguan mma, akosi sɛ wɔbɛsɛe wo.


ne Sidonfo ne Amalek ne Maon hyɛɛ mo so na musu frɛɛ me no, migyee mo fii wɔn nsam.


Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfo ano kaa ne ho, na ɔbae bedii Israel so nkonim na wɔbɛfaa nkyeresia kurow no.


Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfo yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔw mu ne abodan ne hintabea fae.


Na Midian ne Amalek ne Apueifamfo n nyinaa bɛboaa wɔn ho ano, na wotwa bɛbɔɔ nsra Yesreel bon mu.


na wɔbɛbɔ wɔn so nsra, na wɔsɛe asase no so nnɔbae de kodu Gasa, na wonnyaw aduan bi anaa oguan sɛ nantwi sɛ afurum bi wɔ Israel.


Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa ɔpedunum, Apueifamfo dɔm no nkae nyinaa; efisɛ nnipa a wɔtwe nkrante ɔpeha aduonu na atotɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan