Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Atemmufo 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ahene, muntie! Abirempɔn, monyɛ aso! Me de, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sanku dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ahemfo, montie! Aberempɔn, monyɛ aso! Me deɛ, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sankuo dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Mo ahemfo, muntie! Monyɛ aso, mo abirɛmpɔn! Na mɛto dwom ama Awurade. Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ahemfo, montie! Aberempɔn, monyɛ aso! Me deɛ, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sankuo dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Mo ahemfo, montie! Monyɛ aso, mo aberempɔn! Na mɛto dwom ama Awurade. Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ahene, muntie! Abirempɔn, monyɛ aso! Me de, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sanku dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Atemmufo 5:3
18 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.

Na me nso, hwɛ, merema m'apam atim hɔ ama mo ne mo asefo a ebedi mo akyi,

Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me de, me nko ara mene AWURADE diyifo a waka, na Baal adiyifo de, wosi mmarima ahanan aduonum.

Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.

Na me, ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafo a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ, ade a ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara kyerɛwfo no, bebisa mo no nyinaa, mommɔ mmɔden nyɛ,

Na mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim, na m’ani renwu.

Mete ase yi, meyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.

Na afei ɔbɛma me ti so, m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so, na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre, na mato AWURADE sanku dwom.

Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa, na mama m’aboade daa daa.

Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa;

ɛnne mede abufuhyew ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mpɛn asɔn.

Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anom nsɛm!

Na AWURADE din na mɛbɔ: Momfa nidi mma yɛn Nyankopɔn.

Asafohene sae Israel mu, wɔsae kosii sɛ me, Debora, mesɔree, mesɔree sɛ ɛna Israel mu.

Lean sinn:

Sanasan

Sanasan