Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na ose: Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ, nanso ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Debora buaa no se, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya anuonyam biara wɔ dwumadi yi mu, efisɛ Awurade nkonimdi wɔ Sisera so no befi ɔbea nsam.” Enti Debora ne Barak kɔɔ Kedes.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Debora buaa no sɛ, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara wɔ dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade nkonimdie wɔ Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam.” Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ose: Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ, nanso ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:9
9 Iomraidhean Croise  

Na wokogyinae ne ɔhene Usia dii asi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo de sɛ wobɛhyew aduhuam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfo, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhyew aduhuam no dea. Fi adi fi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.


Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.


Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnne mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnne merenkɔ.


Na ɔbea bi tow owiyammoba bɔɔ Abimelek ti de pɛtɛw ne tikora.


Ɛnna ɔfrɛɛ n’abofra a ɔso n’akode ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrante kum me, na wɔanka wɔ me ho sɛ ɔbea na okum no. Na n’abofra no de nkrante wɔɔ no ma ɔtɔe.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan