Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanyin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mɛdaadaa Yabin nsraadɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofo akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanyin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:7
17 Iomraidhean Croise  

Na Elia kae sɛ: Monkyere Baal adiyifo no, mommma wɔn mu biara mmfi mu! Na wɔkyekyeree wɔn na Elia de wɔn sian kɔɔ Kison asu ho, na okum wɔn wɔ hɔ.


Na me de, hwɛ, mepirim Misraimfo koma, na wɔabedi wɔn akyi, na mɛhyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so,


Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa.


Na AWURADE pirim Misraim hene Farao koma ma otiw Israelfo no, efisɛ Israelfo no nam nsa a ɛyɛ den so na efi kɔe.


Na sɛ wantɛw no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnne meyi baabi mama wo, na waguan akɔ hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsam na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na efi AWURADE, sɛ opirim wɔn koma sɛ wonkohyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasaa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn anim, na ɔkyena sesɛbere, me na mɛma woakum wɔn nyinaa, Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hyew.


Na mo de, monsɔre mfi ɔtɛw no mu, na momfa kurow no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. So ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak sian fii Tabor bepɔw so, na nnipa ɔpedu no dii n’akyi.


Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnne mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnne merenkɔ.


Kison asu sesaw wɔn kɔe, tete dɔm asu no, Kison asu no. Me kra tiatia so ahoɔden so.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’aniwa ahu sɛnea AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkae sɛ minkum wo, nanso mekyɛee wo so, na mise: Merenteɛ me nsa menka me wura, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.


Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan