Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔsoma kohyiaa Abinoam ba Barak fi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ ɔhyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Da bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofo mpem du ano fi Naftali ne Sebulon mmusuakuw mu wɔ Tabor bepɔw so hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu wɔ Tabor bepɔ so hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔsoma kohyiaa Abinoam ba Barak fi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ ɔhyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:6
21 Iomraidhean Croise  

AWURADE, sɔre w’abufuw mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden, na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu.


Atifi fam ne Anafo fam, wo ara na wobɔe, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurusi.


Tumi basa wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so.


Sɛ mete ase yi, ɔhene a asafo AWURADE ne ne din no asɛm ni, sɛ Tabor si mmepɔw no ntam na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagye akodu asase ano.


Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.


Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.


Na ɔhye no kɔpem Tabor ne Sahasima ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kodu Yordan ano: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.


Naftalifo na ntonto a ɛto so asia no ba maa wɔn, Naftalifo no, sɛ wɔn mmusua te.


Na nkurow a wɔatoto ho afasu ni: Sidim, Ser ne Hamat, Rakat ne Kineret,


ne Kedes ne Edrei ne En-hasor,


ne Naftali abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mfikyisase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkurow abiɛsa.


Na Barak ma wɔkɔpae hyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa ɔpedu dii n’akyi foro kɔe; na Debora nso ne no kɔe.


Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ:


Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase nyinaa, na wɔn nso hyiae bedii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfo kɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo bae behyiaa no.


Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mukunkum wɔn Tabor no te dɛn? Na wose: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.


Na wufi hɔ kɔ w’anim, na wudu Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn Betel behyia wo hɔ, obiako so mmirekyi abiɛsa, na obiako so brodo sebɔw abiɛsa, na obiako so bobesa ahina ma.


Na AWURADE somaa Yerubaal ne Bedan ne Yefta ne Samuel, na oyii mo mo atamfo nsam hyiae ma motenaa ase dwoodwoo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan