Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, efisɛ ɔwɔ dade nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfo so dennen mfe aduonu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Sisera wɔ nnade nteaseɛnam ahankron, na ɔde atirimɔden hyɛɛ Israelfo no so mfirihyia aduonu. Afei Israelfo no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Sisera wɔ nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, efisɛ ɔwɔ dade nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfo so dennen mfe aduonu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:3
19 Iomraidhean Croise  

Na wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so, na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.


na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Ɔrekum wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsan bɛpɛɛ Onyankopɔn akyi kwan ntɛm,


Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.


Na wubesinsiane awia ketee sɛ onifuraefo sinsiane sum mu, na w’akwan renwie wo yiye, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afow wo daa nyinaa, na obiara rennye wo.


W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa;


Na Yosef asefo no kae sɛ: Bepɔw no nso yɛn, nso Kanaanfo a wɔte tataw mu hɔ nyinaa wɔ dade nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkurow mu ne wɔn a wɔte Yesreel bon no mu nyinaa.


Na Awurade dii Yuda akyi, na odii bepɔw no so; na mmɔnsefo no de, wɔannya wɔn atuye, efisɛ wɔwɔ dade nteaseɛnam.


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim.


Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfo de ayɛyɛde nam no so kɔmaa Moab hene Eglon.


Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa Israelfo ma ogyee wɔn: Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.


Na Sisera ma wɔkɔpae hyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dade nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de fi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa.


Nso odiyifobea Debora a ɔyɛ Lapidot yere na odi Israel anim saa bere no.


Wɔpopaw anyame foforo, ɛno na dɔm baa kurow apon akyi. So wohuu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu?


Na Israel gurowee Midian anim sɛ, na Israelfo su frɛɛ AWURADE.


Na Israelfo no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan