Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfo som Kusan-risataim mfirihyia awotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade abufuw mu yɛɛ den tiaa Israel nti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfo yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirihyia awotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfo som Kusan-risataim mfirihyia awotwe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 3:8
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔsomfo no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na okura ne wura nnepa ahorow nyinaa bi, na ɔsɔre siim kɔɔ Mesopotamia, Nahor kurow mu.


Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa, na wɔn a wokyi wɔn dii wɔn so.


Wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, ma Israel nka ɛ,


Woantɔn wo nkurɔfo annye hwee, woamfa wɔn annye aboɔden.


AWURADE, mfa w’abufuw nka m’anim, na mfa w’abufuhyew ntwe m’aso.


Woatwe w’anibere nyinaa, woadan afi w’abufuw hyewhyew no mu.


na m'abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma ayeyɛ nyisaa.


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan.


Mihuu Kusan ntamadan wɔ ahohia mu, Midian asase so kuntudan no popo.


Na yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade, na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.


AWURADE rempene mfa mfiri no, na ɛno de AWURADE abufuw ne ne ninkuntwe bepun onipa ko no, na nsew a wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa beduru no, na AWURADE bɛpopa ne din afi ɔsoro ase.


Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na obiakofo bɛtaa apem, na baanu ama ɔpedu aguan?


Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi,


Na AWURADE honhom baa no so, na odii Israel anim, na ofii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim, hyɛɛ ne nsa, na odii no so nkonim


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ogyefo bi so maa Israelfo ma ogyee wɔn: Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.


Na ose: Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ, nanso ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.


Na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa, ne Filistifo nsa, ne Moab hene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan