Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa aman no ni: Filistifo (wɔn a na wɔhyɛ Filistifo ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfo nyinaa, Sidonfo, Hewifo a na wɔte Lebanon bepɔw no so fi Baal Hermon bepɔw ho de kosi Lebo Hamat.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa aman no nie: Filistifoɔ (wɔn a na wɔhyɛ Filistifoɔ ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfoɔ nyinaa, Sidonfoɔ, Hewifoɔ a na wɔte Lebanon bepɔ no so firi Baal Hermon bepɔ ho de kɔsi Lebo Hamat.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 3:3
31 Iomraidhean Croise  

Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ nea ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ ɔhye.


Na woduu Tiro kurow a ɛyɛ den no ne Hewifo ne Kanaanfo nkurow nyinaa mu. Na wofi hɔ baa Yuda nifa fam wɔ Beer-seba.


Na Solomon dii nnapɔnna no ɛbere no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse, wofi nea wɔrekɔ Hamat de besi Misraim subon ano, wodii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnawɔtwe abien.


Nkurɔfo a wɔaka fi Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo mu no,


Na ɔhye a ɛda atɔe fam ne ɛpo kɛse no fi ɔhye no ano ara kosi Hamat ntentenso; ɛne ɔhye a edi atɔe no.


Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.


na mumfi Hor bepɔw ho nkari nea wɔfa kɔ Hamat, na ɔhye no ano nkɔpem Sedad.


Bepɔw yi ho tena adɔɔ mo so; monnan mo ho ntu nkɔ Amorifo bepɔw ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba tataw so no so, bepɔw so ne tataw so ne nifa fam ne mpoano nyinaa, Kanaanfo asase so ne Lebanon so nkodu asu kɛse, asubɔnten Eufrate, ho.


Sidonfo frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifo frɛ no Senir,


Kurow biara nni hɔ a wɔne Israelfo dii asomdwoesɛm, gye Hewifo a wɔte Gibeon no nko; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa.


Kanaanfo a wɔwɔ Apuei ne atɔe ne Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne mmepɔw so Yebusifo ne Hewifo a wɔwɔ Hermon bepɔw ase, Mispa asase so no nkyɛn.


ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;


ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam;


ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse.


Na Israel mma no ka kyerɛɛ Hewini no sɛ: Ebia yɛn mu na wote; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?


ne Sidonfo ne Amalek ne Maon hyɛɛ mo so na musu frɛɛ me no, migyee mo fii wɔn nsam.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa.


Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so.


Na mmarima baanum no siim koduu Lais; na wohuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo sɛ Sidonfo, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na odi tumi asase no so, na wɔne Sidonfo ntam ware, na wɔne obi nni asɛm bi.


sɛnea ɛbɛyɛ na Israel awo ntoatoaso no behu akodi na wɔakyerɛ wɔn a kan no wonnim no:


Na AWURADE tɔn wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odi hene wɔ Hasor no nsa; na ne safohempanyin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.


Na Filistifo asafohene betwaa mu, ɔha ha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho betwaam wɔ kyidɔm no mu.


Na Filistifo asafohene baanum no hui no, wɔsan kɔɔ Ekron da no ara.


ne sika nkura no, sɛnea Filistifo nkurow a ɛyɛ asafohene baanum no de ano si no, efi nkurow a wɔatoto ho afasu so de kosi petee mu nkuraa so. Na adanse ne ɔbo kɛse a wɔde AWURADE adaka no sii so no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuw mu besi nnɛ da yi.


Na wɔkae sɛ: Asodi afɔre bɛn na yɛmfa mma? Na wose: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpobia anum ne sika nkura anum, sɛnea Filistifo asafohene ano si, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan