Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne amanaman a AWURADE gyaw wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade gyaw aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfo a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade gyaa aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfoɔ a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne amanaman a AWURADE gyaw wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 3:1
20 Iomraidhean Croise  

wɔn a Israel antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no so no, Solomon yii wɔn gyee wɔn adwumayɛ tow de bedu nnɛ ara.


Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wommebisa anwonwade a ɛyɛe asase no so no bae no, Onyankopɔn gyaw no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahu ne koma mu nyinaa.


Na onim kwan a mefa so. Ɔsɔ me hwɛ a, mefi mu sɛ sika mmapa a afa ogya mu.


Na osu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsu no mu, na nsu no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛde ne atemmu maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛe,


Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika; na AWURADE na ɔsɔ koma hwɛ.


Mede wo masi me man a ɛyɛ sikatwa bo so twahwɛfo, sɛ hu na sɔ wɔn akwan hwɛ.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Na Yesu ankasa de, wamfa ne ho anto wɔn so, efisɛ onim wɔn nyinaa,


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpam amanaman yi afi w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na wuram mmoa annɔɔ wo so so.


ɔde mana a w’agyanom nnim ma wudii sare so, sɛ ɔrebrɛ wo ase na wasɔ wo ahwɛ, na awiei no, wayɛ wo yiye,


Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni.


na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.


Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo;


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko?


Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.


Enti AWURADE gyaw amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.


sɛnea ɛbɛyɛ na Israel awo ntoatoaso no behu akodi na wɔakyerɛ wɔn a kan no wonnim no:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan