Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na mo nso, mo ne asase yi sofo mmpam apam bi: Mummubu wɔn afɔremuka! Nanso moantie m’asɛm. Ɛdɛn na moayɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mo fam de ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔremuka nyinaa. Na adɛn nti na moanni me mmara nsɛm so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mo fam deɛ ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔrebukyia nyinaa. Na adɛn enti na moanni me mmaransɛm so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na mo nso, mo ne asase yi sofo mmpam apam bi: Mummubu wɔn afɔremuka! Nanso moantie m’asɛm. Ɛdɛn na moayɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:2
29 Iomraidhean Croise  

Na Farao frɛɛ Abram kae sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere?


Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Dɛn na ɔman yi yɛɛ wo na wode bɔne kɛse aba wɔn so yi?


Na afei dɛn na wubenya Misraim kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsu yi? Anaa dɛn na wubenya afi Asaria kɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsu yi?


Hwɛ sɛnea wonennam kwa dannan wo kwan! Misraim ho nso w’ani bewu, sɛnea w’ani wui Asaria ho no.


Sɛ AWURADE se ni: Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho a enti wofii me ho kɔɔ akyirikyiri na wokodii ahuhude akyi na wɔadannan hunu yi?


Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma wo no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, efisɛ ɛno bɛyɛ afiri ama wo.


na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.


Na Israel mma no ka kyerɛɛ Hewini no sɛ: Ebia yɛn mu na wote; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam?


Na bere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi,


na misee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, munnsuro Amorifo a mote wɔn asase so no anyame, nanso moantie me nne.


AWURADE somaa ɔbarima diyifo bi baa Israelfo nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na mema moforo fii Misraim bae, na miyii mo nkoafi mu,


Na Gideon de yɛɛ asɔfotade sɛso sɛ ohoni a, ɔde too ne kurow Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyiri aguamammɔ mu, na ɛdan Gideon ne ne fi afiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan