Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wokodii anyame foforo a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no anyame no mu akyi, na wɔsɔree wɔn, na woyii AWURADE abufuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim no. Wɔdii anyame foforɔ akyi, somm saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wokodii anyame foforo a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no anyame no mu akyi, na wɔsɔree wɔn, na woyii AWURADE abufuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:12
21 Iomraidhean Croise  

Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdan wɔn afiri.


Wɔde wɔn srɔnsrɔnmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni ma ɔtwee ninkunu.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Eyi ase ne dɛn, a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn Misraim fii nkoasom mu.


Na ɛnyɛ wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ntamabamma, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn fii Misraim.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mode fii Misraim fii nkoafi mu no, efisɛ nsa a ɛyɛ den na Awurade de yii mo fii hɔ, na munnni mmɔkaw abodoo.


Na ɛnyɛ wo wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ade, na AWURADE mmara no atena w'anom, efisɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo fii Misraim.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so,


Na odiyifo anaa ɔdaesofo no, munkum no, efisɛ wakasa sɛ momman mfi AWURADE mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so na ogyee mo fii nkoafi no ho de retwetwe wo afi ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ nantew mu no so; na tu bɔne no fi wo mu.


na monhwɛ yiye, na ɔbarima bi anaa ɔbea bi anaa abusua bi anaa abusuakuw bi antena mo mu a wɔn koma redan nnɛ afi AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na ntini bi antena mo mu a ɛsow bɔre ne awɔnwene;


Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn apam a oyii wɔn Misraim asase so no, ɔne wɔn pamee no,


Na Yesurun dɔɔ srade, na ɔtow anankoti; woadɔ srade ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.


Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no.


Sɛ wowo mma ne mma mma, na mokyɛ asase no so, na mudi asɛmmɔne yɛ ohoni, ade biara suban, na moyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn anim de huru ne bo a,


Na me AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE a oyii wo Misraim asase so fii nkoa fi no:


Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Misraim ne Amorifo ne Amonfo ne Filistifo,


Wɔpopaw anyame foforo, ɛno na dɔm baa kurow apon akyi. So wohuu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu?


Na Gideon wui no, Israelfo san kodii Baalim akyi aguamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan