Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa awoɔ ntoatoasoɔ no akyi no, awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ nyiniiɛ a na wɔnnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:10
26 Iomraidhean Croise  

Na wo de, wobɛkɔ w'agyanom nkyɛn asomdwoe mu, na wɔasie wo nkwakorabere pa mu.


(Na Ismael nkwa mu mfe a odii ni: Mfirihyia ɔha aduasa asɔn. Na ogyaa mu, na owui, na otiw n'agyanom wɔ asaman).


Na Abraham gyaa ne honhom mu, na owui dwen pa mu, na wabɔ akwakoraa, na onyaa mfe pii na otiw ne nkurɔfo wɔ asamando.


Na Yakob hyɛɛ ne mma samansew wiei no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na oguu ahome a edi akyiri, na otiw ne nananom wɔ asamando.


Sɛ wo nna wie du, na wo ne w’agyanom kɔda wɔ asaman a, mɛma w’aseni a ofi wo yam so, w’akyi na mɛma n’ahenni atim.


Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so, na yɛmpɛ sɛ yɛhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ.


Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui.


Na ɔhene foforo bi a onnim Yosef bedii Misraim so.


Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.


Odii ɔbrɛfo ne ohiani asɛm maa wɔn, enti na esii no yiye. So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm ni.


Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.


Sɛ minya akwantemfo asoɛe anwea so ɛ! Anka megyaw me man, na mafi wɔn nkyɛn makɔ! Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, nkɔnkɔnsafo asafo.


Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni.


Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfo nkontompo, na nokware de, wɔnka. Wɔma atosɛm ka kokwaw wɔn tɛkrɛma so, wodi abɔnefosɛm hyɛ wɔn ho brɛ.


na sɛ wunya hu a, watiw wo mpanyimfo, sɛnea Aaron tiw ne mpanyimfo no,


Na akyiri no, ɔbea no nso wui.


Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.


na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.


Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na Israel somm AWURADE. Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ.


Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan