Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE bɔfo fi Gilgal baa Bokim bɛkae sɛ: Miyii mo fii Misraim na mede mo mebaa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mise: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Awurade bɔfo fi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfo no se, “Miyii mo fii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekae se, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Awurade ɔbɔfoɔ firi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfoɔ sɛ, “Meyii mo firii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekaa sɛ, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE bɔfo fi Gilgal baa Bokim bɛkae sɛ: Miyii mo fii Misraim na mede mo mebaa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mise: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 2:1
41 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.


Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?


abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.


Me ne nea mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:


Merengu m’apam ho fi, na merensakra nea afi m’anom no.


AWURADE bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm!


Ɛnna Onyankopɔn bɔfo a odi Israel dɔm anim no twee ne ho bedii wɔn akyi, na omununkum dum no fii wɔn anim begyinaa wɔn akyi,


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no.


Hwɛ, meresoma ɔbɔfo adi w'anim akɔhwɛ wo ɔkwan mu, na ɔde wo akodu nea masiesie hɔ no.


Na AWURADE kae sɛ: M'anim ne wo bɛkɔ, na mama woakɔhome.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, na n’anim bɔfo no gyee wɔn; ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn, na ɔmomaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa mu.


Wo din nti mpa yɛn; nhura w’anuonyam agua no ho; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.


ɛnne mɛkae me ne Yakob apam no, ne me ne Isak apam no nso; na ɛne Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no.


Nanso eyinom nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwini na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so; na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na mefaa me poma Adom no mibuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pamee no.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Nna a mode kɔsraa asase no dodow a esi adaduanan no so na monsoa mo amumɔyɛ no mfirihyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahu me pa a mapa mo no.


Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo a wodi wɔn akyi no.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,


Ɛnna Yosua kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ Onyankopɔn teasefo no wɔ mo mu, na ɔpam na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hetifo ne Hewifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo no afi mo anim.


So ɛnyɛ nea wo nyame Kemos de maa wo sɛ di so na wobɛfa adi so anaa? Na ade biara a AWURADE yɛn Nyankopɔn agye ama yɛn sɛ yenni so no, ɛno na yɛbɛfa adi so.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Sora a ofi Danfo abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonin, na ɔnwo.


Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.


Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔre wɔ hɔ.


AWURADE somaa ɔbarima diyifo bi baa Israelfo nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na mema moforo fii Misraim bae, na miyii mo nkoafi mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan