Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 19:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ne kunu no sɔre tiw no sɛ ɔkɔka no abodwoesɛm na ɔde no asan aba, na n’abofra ne mfurum abien ka ne ho. Na ɔbea no de no kɔɔ n’agya fi; na ababaa no agya huu no no, ɔde anigye hyiaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ne kunu no faa ɔsomfo ne afurum foforo kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔdɛfɛdɛfɛ no na wasan nʼakyi aba. Oduu ɔbea no agya fi no, ɔde no kɔɔ ofi no mu maa nʼagya no gyee no fɛw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no fɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ne kunu no sɔre tiw no sɛ ɔkɔka no abodwoesɛm na ɔde no asan aba, na n’abofra ne mfurum abien ka ne ho. Na ɔbea no de no kɔɔ n’agya fi; na ababaa no agya huu no no, ɔde anigye hyiaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 19:3
16 Iomraidhean Croise  

Na Sekem koma fam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no, na otwaa ne bo too ne yam.


Na afei munnsuro. Na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyee wɔn werɛ twaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam.


Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni.


Ne saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa mede no makɔ sare so, na maka no abodwoesɛm


Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, wobɛfrɛ me sɛ: Ishi ase ne sɛ: Me kunu! Na woremfrɛ me sɛ: Balim a ase ne sɛ: Me Baal bio.


Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe aware no, okum na wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no.


Na ɔrekɔ no, Onyankopɔn bo fuwii, na AWURADE bɔfo begyinaa ɔkwan no so sɛ obesiw no kwan; nso na ɔte n'afurum so na ne nkoa baanu ne no na ɛnam.


Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.


Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!


Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Na ɛkyɛe kakra no, awitwa bere mu, Samson de apapowa kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkae sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbea no agya amma no kwan ankɔ mu.


Na ne ɔbea no fii n’akyi kɔbɔɔ aguaman, na ofii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fi Betlehem Yuda na okodii hɔ nna bi, asram anan.


Na anim reyɛ abaabae no, ɔbea no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fi a ne wura wɔ mu no pon ano daa hɔ kosii sɛ anim tetewee.


Na n’ase, ababaa no agya no, siankaa no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa; na wodidii, nomee na wɔtenaa hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan