Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 18:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔkae se, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 18:5
12 Iomraidhean Croise  

Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ!


Na ɔhene Ahas hyɛɛ ɔsɔfo Uria sɛ: Afɔremuka kɛse no so na hyew anɔpa hyew afɔre ne anwummere aduan afɔre ne ɔhene hyew afɔre ne n’aduan afɔre ne asase yi sofo nyinaa hyew afɔre ne wɔn aduan afɔre ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyew afɔre mogya nyinaa ne okum afɔre mogya nyinaa pete so; na kɔbere afɔremuka no nsi me hɔ na minnwen ho.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.


Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.


Ɔno na wɔn nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, tie no ka sɛ: Oyi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛse no.


Na Mika kaa sɛ: Afei na mahu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yiye sɛ manya Lewini a odi me sɔfo yi.


Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.


Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ.


Na obuaa wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adi, na wabɔ me paa, na midi no sɔfo.


Na ɔsɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da.


(Kan no Israel, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehufo no nkyɛn; ɔno na nnɛ yi wɔfrɛ no odiyifo no, kan no na wɔfrɛ no ɔdehufo.)


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan