Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 18:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na obuaa wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adi, na wabɔ me paa, na midi no sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adie, na wabɔ me paa, na mabɛyɛ ne sɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adie, na wabɔ me paa, na mabɛyɛ ne sɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na obuaa wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adi, na wabɔ me paa, na midi no sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 18:4
16 Iomraidhean Croise  

Animhwɛ nye, nanso aduan afono ma so mpo na onipa bedi asɛmmɔne.


Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.


Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa.


Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.


M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade.


ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom odwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛfo, ɔnyɛ sikanibere;


a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.


Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.


Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne ɔsɔfo, na mɛma wo dwetɛ du afirihyia ne atade biako ne w’aduan. Na Lewini no hyɛn mu.


Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na aberante no dii no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi.


Wɔwɔ Mika fi no ho no, wɔtee aberante Lewini no nne, na wɔman hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔde wo baa ha? Na ɛdɛn na woreyɛ wɔ ha? Na ɛdɛn nso na wowɔ wɔ ha?


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan