Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 18:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Danfoɔ no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, firii Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na wɔduruu Efraim bepɔ so Mika fie, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so. Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa hɔ anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Danfoɔ no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, firii Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na wɔduruu Efraim bepɔ so Mika fie, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, mmarima a wɔfiri Dan abusuakuo yii akofoɔ enum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔpɛ asase a wɔbɛtumi atena so. Ɛberɛ a saa akofoɔ yi duruu Efraim bepɔ asase so no, wɔkɔɔ Mika fie kɔdaa hɔ anadwo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 18:2
20 Iomraidhean Croise  

Na Yosef kaee adae a ɔsosoe wɔn ho no; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ akwansrafo, asase yi ho akwan na morebɛhwehwɛ.


Wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina, na fa atɛmpa kyere ɔsa.


Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa anafo fam ha yi, na monkɔforo mmepɔw no;


Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntena ase nnwene ho kan sɛ obetumi de ɔpedu akohyia nea ɔde ɔpeduonu reba ne so no?


Po ho tataw no so de ne: Estaol ne Sora ne Asna,


Na wɔn agyapade hye ne: Sora ne Estaol ne Ir-semes,


Na Nun ba Yosua somaa mmarima asraafo baanu fi Sitim ahintawee mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wosiim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fi, na wɔdaa hɔ.


Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wofi Israelfo no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Sora a ofi Danfo abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonin, na ɔnwo.


Na AWURADE honhom fii ase kekaa no wɔ ne mu, Dan nsra mu, Sora ne Estaol ntam.


Ɛnna ne nuanom ne n’agya fi nyinaa sian kɔe kɔfaa no de no foro bae besiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asiei. Na Samson dii Israel anim mfirihyia aduonu.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.


Ɛnna Danfo abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akode tu fii Sora ne Estaol.


Na wotwaam hɔ kɔɔ Efraim bepɔw so, na woduu Mika fi.


Wɔwɔ Mika fi no ho no, wɔtee aberante Lewini no nne, na wɔman hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔde wo baa ha? Na ɛdɛn na woreyɛ wɔ ha? Na ɛdɛn nso na wowɔ wɔ ha?


Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: Amanneɛ?


Na nna no mu a ɔhene bi nni Israel no, Lewini bi wɔ hɔ a wakɔsoɛ hɔho Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi, na ɔwaree ɔbea bi fii Betlehem Yuda.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yefi Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mifi na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fi na merekɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan