Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 18:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo, asase no so na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so ade biara nyɛ na hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo; asase no so, na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so adeɛ biara nyɛ na hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ mudu hɔ a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo; asase no so, na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so adeɛ biara nyɛ na hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bereɛ yantamm a biribiara wɔ so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo, asase no so na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so ade biara nyɛ na hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 18:10
14 Iomraidhean Croise  

Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ.


ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


sɛnea Esau mma a wɔte Seir ne Moabfo a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akosi sɛ metwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no so.


Na afei, Israel, tie ahyɛde ne atemmude a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


Na mmarima baanu no sian fii bepɔw no so, na wotwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa nea ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no,


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofo nyinaa koma atu wɔ yɛn anim.


Na nea ɛto so ason no so a asɔfo no rehyɛn ntorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, efisɛ AWURADE de kurow no ama mo.


Ɛnna Danfo abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akode tu fii Sora ne Estaol.


Na wɔn de, wɔfaa nneɛma a Mika yɛe no ne ɔsɔfo a onyae no kɔe koduu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔde gya hyew kurow no.


Na mmarima baanum no siim koduu Lais; na wohuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo sɛ Sidonfo, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na odi tumi asase no so, na wɔne Sidonfo ntam ware, na wɔne obi nni asɛm bi.


Na wose: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, efisɛ yɛahu asase no, na hwɛ, eye papaapa. Na moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan