Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 17:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mika yɛɛ nsɔre so na ɔyɛɛ asɔfotade ne ne fifo ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmabarima no mu baako sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mika yɛɛ asɔreeɛ na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne efiefoɔ ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmammarima no mu baako ɔsɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 17:5
24 Iomraidhean Croise  

Na Laban kɔe sɛ, ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi. Na Rahel wiaa n'agya abusua honi.


Na afei de, mahu sɛ pɛ ara na wopɛ sɛ wokɔ, efisɛ gyina na w'ani agyina w'agya fi; na ɛdɛn nti na woawia m'anyame?


Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea afi, na ɔde ɔman no mu nnipa hunu a womfi Lewifo mu sisii asɔfo.


Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Betel: Ɔbɔɔ afɔre maa nantwi mma a ɔyɛe no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no asɔfo duaa Betel.


Na ɔhene Kores yii AWURADE fi nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem de ba besiee ne nyame fi no,


Na ɔsomaa Israelfo no mu mmerante na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyɛw afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE.


Na yɛ atemmu adɛbo, ntamanwene mu anyansadwuma, yɛ no sɛnea asɔfotade no yɛbea te; sika, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ.


Na ntade a wɔmpam ni: Adɛbo ne asɔfotade ne batakari ne atade yuu a wɔanwene no adamadam ne abotiri ne abɔso; na wɔmpam kronkronyɛ ntade mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfo.


Na fa abɔso bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotiri; na asɔfodwuma nyɛ wɔn de sɛ daa atɔremude: sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo.


Duadwumfo yere hama mu, ɔde pɛnsere sensan ho, ɔde adwinnade yɛ, na ɔde kompase sensan ho, na ɔyɛ no ɔbarima sɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɔdan mu.


Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.


sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Yi abotiten no na hɔn ahemmotiri no; nneɛma rentena sɛnea ɛte no ara nea abrɛ ase no, wɔbɛma so, na nea ama so no bɛbrɛ ase;


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Na Israel werɛ afi ne yɛfo, na wɔasisi aban afɛfɛ, na Yuda ama nkurow a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kurow mu gya, na ahyew n’aban a ɛkorɔn no.


Na Aaron ne ne mma no de, yi wɔn si hɔ na wonkura wɔn asɔfodi no mu; na ɔhɔho biara a otwiw bɛn ho no, wonkum no.


Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.


Na ɔdan dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufo, na ɔde yɛɛ osenhoni ne agude, na ɛwɔ Mika fi.


Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: So munim sɛ asɔfotade ne abusua ahoni a wɔasen ne agude wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ nea mobɛyɛ.


Na ose: M’anyame a meyɛe ne ɔsɔfo no, moafa de rekɔ, na ɛdɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, yi?


Na Danfo no de ohoni a wɔasen no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfo maa Dan abusuakuw no de kosii asase no tukɔ da.


Na Gideon de yɛɛ asɔfotade sɛso sɛ ohoni a, ɔde too ne kurow Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyiri aguamammɔ mu, na ɛdan Gideon ne ne fi afiri.


Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyi nwi sumii too atifi, na ɔde ntama kataa so.


Na Ahimelek ba Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na okura asɔfotade, na ɔde sian kɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan