Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 17:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔw asase so a na wɔfrɛ no Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔ asase so a na wɔfrɛ no Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 17:1
11 Iomraidhean Croise  

Wɔn din ni: Hur ba wɔ Efraim bepɔw so;


Na ɔhye no hima fi bepɔw no atifi kɔ Neftoa asuti no ho, na efi hɔ kɔ Efron bepɔw so nkurow ho, na ɔhye no hima kɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim.


Wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Sekem ne ɛho mfikyiase maa wɔn, Efraim bepɔw so, ne Geser ne ɛho mfikyisase,


Na wosiee no n’asase mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔw so wɔ Gaas bepɔw benkum fam.


Na Abimelek akyi no, nea ɔsɔre begyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔw so.


Ɛnna ne nuanom ne n’agya fi nyinaa sian kɔe kɔfaa no de no foro bae besiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asiei. Na Samson dii Israel anim mfirihyia aduonu.


Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.


Na wotwaam hɔ kɔɔ Efraim bepɔw so, na woduu Mika fi.


Na Danfo no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, fi Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na woduu Efraim bepɔw so, Mika fi, na wɔdaa hɔ.


Na odui no, ɔhyɛn torobɛnto Efraim bepɔw so, na Israel mma ne no sian fii bepɔw no so, na odii wɔn anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan