Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 14:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼagya ne ne na ampene so kaa no anibere so se, “Enti yɛn abusua yi mu anaa Israelfo yi mu, ɔbea baako mpo nni mu a wutumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifo abosonsomfo mu kɔhwehwɛ ɔyere?” Nanso Samson ka kyerɛɛ nʼagya se, “Kɔyɛ ne ho ade ma me. Ɔno ara na mepɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?” Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 14:3
15 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom.


Na Abraham de nguan ne anantwi maa Abimelek, na wɔn baanu pamee.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrentumi saa ade yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, efisɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.


Monnka wɔ Gat, mommmɔ no kaseɛ wɔ Askelon mmɔnten so, na Filistifo mmabea ani annye, na momonotofo mmabea anni ahurusi.


Na sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata amanaman yi nkae a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayeware no, mokɔ wɔn mu, na wɔba mo mu a,


Na ɔforo bae bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.


Na osukɔm dee no sɛ, na osu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode ogye kɛse yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei osukɔm rekum me, na mahwe momonotofo nsam.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Dɛn na wɔbɛyɛ onipa a obekum Filistini yi na wayi ahohora afi Israel so no? Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi?


W’akoa akum gyata ne sisi nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu biako, sɛ wabɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi.


Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛwɔ me ammɛyɛ me ade angoru me atɔprɛ. Na n’akodekurafo no ampene, efisɛ osuro pii. Ɛnna Saul faa nkrante na ɔhwee so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan