Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonini na wonwo, nanso wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kae se, “Ɛwɔ mu sɛ wonwoe de, nanso ɛrenkyɛ worebenyinsɛn na woawo ɔbabarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonini na wonwo, nanso wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 13:3
16 Iomraidhean Croise  

Na mehyira no, na mama wo ne mu ba nso. Yiw, mehyira no, na ɔbɛyɛ ɔmankɛse. Aman ahemfo befi ne mu.


Na wɔn mu biako kae sɛ: Ampa ara, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na hwɛ, wo yere Sara anya ɔba. Na Sara tee wɔ ntamadan pon a ɛwɔ n'akyi no ano.


So biribi yɛ AWURADE yɛna? Bere a mahyɛ no, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba.


Na ɔkae sɛ: Afedan sesɛɛ bere yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ose: Nyɛ sa, me wura, Onyankopɔn nipa, nni atoro nkyerɛ w’afenaa.


Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa.


Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


Na ɔbea no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abeyi ne ho adi akyerɛ me.


Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Ma yensianka wo na yensiesie apapowa bi mma wo ansa.


Ɛnna ɔbea no bae bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Onyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Onyankopɔn bɔfo anim, na mammisa no nea ofi, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Na Manoa yii AWURADE mpae sɛ: O, AWURADE, ma Onyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ abofra a wɔrebɛwo no no.


Na AWURADE bɔfo fi Gilgal baa Bokim bɛkae sɛ: Miyii mo fii Misraim na mede mo mebaa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mise: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da;


Na Awurade dan n’ani kyerɛɛ no na ɔkae sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kogye Israel Midian nsam; ɔsoma na masoma wo yi!


na afe dui no, na Hana anyinsɛn awo babarima, na ɔtoo no din Samuel, na ɔkae sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no fii.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan