Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 13:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifo nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfe aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 13:1
16 Iomraidhean Croise  

So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.


Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako.


Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa.


Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wosiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw so no so.


Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so.


Na Yuda mmarima mpensa siim kɔɔ Etam botan tokuru no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: So wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so, na ɛdɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.


Na odii Israel anim Filistifo bere no so mfirihyia aduonu.


Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Ehud wu akyi no Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.


Na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa, ne Filistifo nsa, ne Moab hene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.


Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.


Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan