Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na mihuu sɛ momma mmegye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesen mekɔɔ Amonfo no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na ɛdɛn na moforo ba me so ne me abɛko nnɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso Awurade ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoeɛ a monnka ho, nanso Awurade ma medii Amonfoɔ so nkonim. Na adɛn enti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na mihuu sɛ momma mmegye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesen mekɔɔ Amonfo no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na ɛdɛn na moforo ba me so ne me abɛko nnɛ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 12:3
11 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho di ti, ne n’asɔfo ne osebɔ ntorobɛnto, sɛ wɔde bɛbɔ ose ahyɛ mo. Israel mma, mo ne AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, nnko, na ɛrensi mo yiye.


Adɛn nti na memfa me honam mintua me se ano, na memfa me kra mento me nsam?


Me kra da me nsam daa, nanso me werɛ mfi wo mmara.


a wɔpɛe sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ ma de si me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.


Na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbewu.


Na me de, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufo na ommu Israelfo ne Amonfo ntam atɛn nnɛ.


Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa ne Amonfo nyaa manso kɛse; na meteɛɛm mefrɛɛ mo no, moannye me amfi wɔn nsam;


Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kum Efraim, efisɛ wose: Mo Gileadfo aguanfo, mowɔ Efraim mu, ne Manase mu.


sɛ m’agya ko maa mo, na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ogyee mo fii Midian nsam,


Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Na ɔbea no baa Saul nkyɛn, na ohuu sɛ wayɛ yoo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me kra mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan