Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛ, onyaa atuatewfo bebree bedii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛre, ɔnyaa atuatefoɔ bebree bɛdii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:3
9 Iomraidhean Croise  

Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Amonfo no soma kɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafo ne Soba Siriafo paa, anammɔnmufo ɔpeduonu ne Maaka hene nnipa apem ne Tob mmarima ɔpedumien.


Na Amonfo fii adi betwitwaa mpasua kurow no pon ano; na Soba ne Rehob Siriafo ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyina wuram.


Na Yudafo a wɔannye anni no ani beree, na wɔfaa ahuhufo no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfo no bɔɔ bum behyiae, na wɔtanee kurow no ani, na wokotwaa Yasɔn dan ho hyiae hwehwɛe sɛ woyi wɔn fi adi de wɔn kɔma nkurɔfo no.


Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɔyere no mma nyinnyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyade yɛn agya fi, efisɛ ɔbea foforo bi ba ne wo.


Na wɔfaa Baal-berit fi nnwetɛbona aduɔsɔn de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufo animharefo bi paa ma wodii n’akyi.


Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.


Na Dawid sɔree, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaam kɔɔ Gat hene Maok ba Akis nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan