Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɔyere no mma nyinnyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyade yɛn agya fi, efisɛ ɔbea foforo bi ba ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa foforɔ bi ba ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Gilead yere woo mmabarima bebree, na saa mmabarima no nyinyinii no, wɔpam Yefta fii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no se, “Worennya yɛn agya agyapade biara, efisɛ woyɛ ɔbea guamanfo bi ba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa foforɔ bi ba ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Gilead yere woo mmammarima bebree, na saa mmammarima no nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta firii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Worennya yɛn agya agyapadeɛ biara, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi ba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɔyere no mma nyinnyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyade yɛn agya fi, efisɛ ɔbea foforo bi ba ne wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:2
10 Iomraidhean Croise  

Na ɔkɔm baa asase no so, na Abram sian kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so.


Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pam afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ebedi ade.


Na ayi wo afi ɔbea sansani nsam, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;


Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom?


Na ɔbea sansani ano kyi ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo;


Nanso kyerɛw no se dɛn? Pam afenaa no ne ne ba; efisɛ afenaa ba no ne ɔdehye ba no renni ade.


Aguaman ba bi mmma AWURADE bagua mu; n’awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu.


Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, nanso ɔyɛ ɔbea aguaman bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta.


Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan