Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 11:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Gilead ntuanofo no buaa no se, “Awurade ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “Awurade ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 11:10
16 Iomraidhean Croise  

Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m'afenaa mato wo kokom, na ohuu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.


Enti afei ka Onyankopɔn ntam kyerɛ me sɛ, worentwa me ne me mma ne me mmanana nkontompo, na, sɛ adɔe a meyɛɛ wo no te no, wode bɛyɛ me ne m'asase a woabɛyɛ ɔhɔho wɔ so yi.


Sɛ woteetee me mmabea, na woware yerenom ka me mma ho a, hwɛ obi nka yɛn ho de nanso, Onyankopɔn ne me ne wo ntam dansefo.


Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n'agya Isak suro ho ntam.


Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


esiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafofa wɔn mfɛfo yerenom, na wɔaka me din mu atosɛm a menhyɛɛ wɔn ɛ, na me na minim, na mene dansefo, AWURADE asɛm ni.


Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokware dansefo pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!


Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.


mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo.


Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose.


Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu,


Awurade Yesu Nyankopɔn ne n'Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ minni atoro.


Na mehyɛɛ mo atemmufo no mmara bere no mu sɛ: Muntie mo nuanom ntam nsɛm, na mummu atɛntrenee onipa ne ne nua ne ne hɔho ntam.


Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: Sɛ mode me san kɔ sɛ me ne Amonfo nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na minni mo ti anaa?


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo dansefo, na nea wasra no yi ne ɔdansefo nnɛ, sɛ moanhu biribiara me nsam. Na wɔkae sɛ: Ɔne dansefo.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan