Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 10:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na Amonfo no betwaa Yordan, ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fi nso bɛkoe; na Israel ho hiaa wɔn sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Amorifoɔ no nso twaa Yordan kɔɔ atɔeɛ fam kɔto hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfoɔ kɔɔ ahokyere kɛseɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Amonfo no betwaa Yordan, ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fi nso bɛkoe; na Israel ho hiaa wɔn sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 10:9
13 Iomraidhean Croise  

Na Etiopiani Serah de dɔm a ano si apem ahorow apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na obeduu Maresa.


Na ɛbere no mu no na asomdwoe nni hɔ mma nea ofi adi ne nea ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsaase no sotefo nyinaa so.


na amanaman no mu nso worennya ahodwo, na wo nammɔn rennya ɔhome; ɛhɔ nso AWURADE bɛma wo koma a etutu ne aniwa a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ekisa;


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim.


Na wɔhom Israelfo so haw wɔn afe no ara mu. Mfe dunwɔtwe na wodii Israelfo a wɔwɔ Yordan agya, Amorifo asase so wɔ Gilead no nyinaa so.


Na ɛno akyi no, Amonfo ne Israel kodii ako.


Baabiara a wofi adi kɔ no, AWURADE pa wɔn ma wodi nkugu, sɛnea AWURADE kae ne sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.


Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfo yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔw mu ne abodan ne hintabea fae.


Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wohaw me ma meforo mebae yi? Na Saul buae sɛ: Me ho hia me papaapa, na Filistifo ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ommua me bio, ɔmfa adiyifo so, na ɔmfa adae mu nso, enti na mafrɛ wo yi, sɛ kyerɛ me nea menyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan