Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum mma aduasa so na wɔwɔ nkurow aduasa a wɔfrɛ no Yair nkurow de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ne mmammarima aduasa tena wɔn mfunumu so kyinkyini, na wɔdi nkuro aduasa so wɔ Gilead asase so, a ɛbɛsi ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum mma aduasa so na wɔwɔ nkurow aduasa a wɔfrɛ no Yair nkurow de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 10:4
8 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na Manase ba Yair siim kɔfaa wɔn atenae no, na ɔfrɛɛ no Yair atenae.


Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan, kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de besi nnɛ da yi.


Na n’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na obuu Israel atɛn mfe aduonu abien.


Na Yair wui, na wosiee no Kamon.


Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfurum aduɔsɔn so. Na odii Israel anim mfe awotwe.


Mo a motete mfurummere afufu so, mo a motete nkuntu a ɛsom bo so, mo a monenam akwan so, monto dwom!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan