Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna Adoni-besek kae sɛ: Ahene aduɔsɔn a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobeti atwitwa tasetasee me pon ase; sɛ meyɛe no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na obewuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛmaa Adoni-Besek kaa sɛ, “Ɛberɛ bi na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobetie bɛtasee mporoporowa wɔ me didipono ase. Afei, Awurade atua me deɛ meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na ɔwuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna Adoni-besek kae sɛ: Ahene aduɔsɔn a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobeti atwitwa tasetasee me pon ase; sɛ meyɛe no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na obewuu wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 1:7
16 Iomraidhean Croise  

na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Woadi awu, na woafa obi ade adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Faako a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtaforo wo nso wo mogya.


Na kum odwennini no, na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobeti ano ne wɔn nan nifa kokurobeti ano, na fa mogya no pete afɔremuka no ho hyia.


Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, wo ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa so.


Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi, ɛbere no mu, na megye asiifo no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no, na mɛdan wɔn aniwu ayɛ ayeyi, na atene asase nyinaa so.


Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔ wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso etwitwa gye wɔn,


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrante kum a, etwa sɛ wɔde nkrante kum no. Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ.


na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu, na woama wɔn mogya anom; wɔfata saa.


Na Adoni-besek guanee, na wotiw no kɔkyeree no, na wotwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.


na Yerubaal mma aduɔsɔn no ho mmusu aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a okum wɔn no ne Sekemfo a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ onkum ne nuanom no atifi.


Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn ma ebuaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan