Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Yuda tu kɔe, na Awurade de Kanaanfo ne Perisifo no hyɛɛ ne nsa, na wokum nnipa ɔpedu wɔ Besek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yuda tu kɔe, na AWURADE de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ ne nsa, na wɔkum nnipa mpem du wɔ Besek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yuda tu kɔe, na AWURADE de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ ne nsa, na wɔkum nnipa mpem du wɔ Besek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛberɛ a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wɔdii Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no so nkonim, na wɔkunkumm atamfoɔ akofoɔ ɔpedu wɔ Besek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yuda tu kɔe, na Awurade de Kanaanfo ne Perisifo no hyɛɛ ne nsa, na wokum nnipa ɔpedu wɔ Besek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 1:4
17 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na obuaa no sɛ: Kɔ na kodi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.


Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo no ano, ɛbɛyɛ mmarima ahannan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.


Wode wo nsa pam amanaman, na wɔn de, wuduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn de, wotrɛw wɔn mu.


Ɔpampam amanaman, wɔn anim, na ɔbɔɔ wɔn awunnyade so ntonto kyɛɛ no hama so, na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn ntamadan mu.


na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma wukum wɔn a, ɛnne sɛe wɔn pasaa, wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;


Na hu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyew; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wo no.


Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Wo ne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfo nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.


Na wohuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wokum Kanaanfo ne Perisifo no.


Ɛnna Yefta twaam kɔɔ Amonfo no so ne wɔn kɔkoe; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa.


Na Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo no mu.


Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfo no ano si ɔpehasa, na Yuda mmarima si ɔpeduasa.


Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnne yɛbɛforo akɔ, efisɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na eyi bɛyɛ yɛn sɛnkyerɛnne.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan