Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 7:2
29 Iomraidhean Croise  

Na Tera faa ne ba Abram ne ne nena Lot, Haran ba ne n'ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.


Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na woduu Kanaan asase so.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ Mene AWURADE a ɔde wo fii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ mede asase yi mɛma wo sɛ awunnyade.


Na Yakob see wɔn sɛ: Me nuanom, mufi he? Na wose: Yefi Haran.


Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na wuyii no fii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.


Hena ne saa anuonyam hene yi? Asafo AWURADE, ɔne anuonyam Hene no.


Mo aponkɛse, momma mo ti so, na mo, tete apon, montrɛw mo ho mu, na anuonyam hene no ahyɛn mu.


AWURADE nne wɔ asu so, anuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom, AWURADE wɔ nsu bebree so.


So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no?


monhwɛ mo agya Abraham, ne Sara a ɔkyem woo mo no, sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no, na mihyiraa no mema ɔdɔe.


Na oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae.


Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifo ne Sadukifo no ntam, na nnipakuw no mu paee.


Na ɔsɔfo panyin no bisae sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? Na Stefano buae sɛ:


Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam,


Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.


Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,


Gyidi na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde osetie fi kɔɔ baabi a daakye obenya hɔ sɛ agyapade, na ofii adi a onnim nea ɔrekɔ.


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra.


Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Asuogya na mo agyanom, Abraham n’agya ne Nahor agya Tera tenae fi teteete, na wɔsom anyame foforo.


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan