Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 5:3
25 Iomraidhean Croise  

Na woka sɛ: Dɛn na Onyankopɔn nim? So kusukuukuu akyi noho na obebu atɛn?


Ɛyɛ afiri ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.


Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, efisɛ onni nkwasea ho koma pa bi: Nea woahyɛ bɔ no, ma!


Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw AWURADE fee, na wɔn nneyɛe wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn anaa hena na onim yɛn?


Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.


Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman.


Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra ade bi a, ommmu n'asɛm so; nea efi n'anom nyinaa, ɔnyɛ.


Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.


Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.


Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,


Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


na woyii ti ade no bi siei, a ne yere nso nim, na wɔde ɔfa bi brɛɛ asomafo no.


Ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ wo dea? Na wotɔnee no nso, enni wo ankasa wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.


Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nnodow ne tua ho, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ wɔ wo hɔ, na adan wo bɔne.


Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan