Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Pentekoste da no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Pentekoste da no dui no, na wɔn nyinaa ahyia faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 2:1
23 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn nsa baa Yuda nso so sɛ ɔrema wɔn koma koro sɛ wonni ɔhene ne asafohene no ade a wɔde AWURADE asɛm hyɛe no so.


Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma,


Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako.


ne otwa nnapa no, w'ade a wuduae w'afum no mu aba a edi kan de no; ne anoboa nnapa no, afe awiei a woaboaboa w'adwumade ano afi mfuw mu no.


Na hyɛ wo nnapɛn fa no, awitwa bere mu adekan de no, ɛne anoboa afahyɛ no, afedan mu.


Na mɛma wɔn koma koro ne ɔkwan koro, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wobedi wɔn akyi no yiye.


Na ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ Awurade din no, na wɔnyɛ nokoro nsom no.


sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan,


Na Paulo aka sɛ obetwa Efeso ho, na wankɔkyɛ Asia; efisɛ ɔpɛ ntɛm, na sɛ obetumi a, wɔakodu Yerusalem Pentekoste da.


Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,


Na wowiee mpaebɔ no, faako a wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.


Na wɔn mu bebree a wogye dii no koma ne wɔn kra yɛ biako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nneɛma a ɔwɔ yɛ n’ankasa dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafode.


Na wɔnam asomafo no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de koma koro wɔ Solomon abrannaa so.


na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, anuonyam.


Na mɛtena Efeso akosi Pentekoste;


Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu,


momma m’anigye nwie pɛyɛ sɛ mubedwen ade koro anya ɔdɔ koro, ano koro, ne adwenkoro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan