Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna wodii mmuada na wɔbɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, wogyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna wodii mmuada na wɔbɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, wogyaa wɔn kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 13:3
18 Iomraidhean Croise  

na ɔde ne nsa guu no so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no.


Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.


Na wɔbɔɔ mpae sɛ: Wo, Awurade a wunim nnipa nyinaa komam, kyerɛ baanu yi mu biako a woayi no


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.


Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.


Na wofi hɔ faa nsu ani baa Antiokia, nea wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa maa adwuma a wɔakowie no.


na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa no, osiim kɔe.


Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.


Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!


Mma wo mu adom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so de maa wo no nnna hɔ kwa.


Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Fa wo ho si hɔ kronn.


Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyan Onyankopɔn adom akyɛde a ɛnam me nsa a mede miguu wo so no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio;


Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanse asafo no anim. Na wugya wɔn kwan sɛnea ɛsɛ, Onyankopɔn anim a na wayɛ no yiye.


Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye saa nkurɔfo no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan