Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Asomafo 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no sɛ, “Kornelio!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Asomafo 10:3
23 Iomraidhean Croise  

Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, efisɛ woanya m'anim adom, na mede wo din minim wo.


M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ.


Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?


Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa.


Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ:


Na Petro regye ne mu akyinnye sɛ anisoade a ohui no ase ne dɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fi kwan gyinagyina abobow ano


Na Petro redwen anisoade no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa hwehwɛ wo;


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


Na ade kyee no, bɛyɛ sɛ owigyinae a wɔnam kwan so rebɛn kurow no no, Petro kɔɔ aban no atifi kɔbɔɔ mpae bɛyɛ awia dummien.


Na ɔkaa yɛn sɛnea ohuu ɔbɔfo sɛ ogyina ne fi hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi.


Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ:


Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehu mu sɛ: Anania! Na ose: Hwɛ, mini, Awurade!


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me?


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


na wakyɛn abɔfo no mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan